Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 8

Nkwa A Efi Honhom Mu

1 Enti afɔbu nni ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, 2 efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba. 3 Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4 Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no.

5 Wɔn a ɔhonam mmerɛwyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom de. 6 Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛwyɛ adwene no bewu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no benya nkwa ne asomdwoe. 7 Adwene a ɛdwene ɔhonam mu no tan Onyankopɔn, efisɛ ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8 Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

9 Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. 10 Ɛwɔ mu bɔne bɛma mo nipadua yi awu de, nanso Kristo te mo mu a, ne trenee nti mo honhom te ase. 11 Onyankopɔn Honhom a onyan Yesu fii awufo mu no te mo mu a, ɛno de, nea onyan Kristo fii awufo mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa.

12 Enti anuanom, yɛwɔ asodi bi, nanso yɛnyɛ mma ɔhonam no sɛnea ɔpɛ. 13 motena ase ma ɔhonam a, mubewu. Nanso moma Honhom no kum bɔne a nipadua no a, mubenya nkwa.

14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no Onyankopɔn mma. 15 Efisɛ moannya honhom a ɛma mo nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, "Abba, Agya!" 16 Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17 Esiane yɛyɛ Onyankopɔn mma nti yɛyɛ adedifo; Onyankopɔn adedifo a yɛne Kristo kyɛfa mu, nanso gye yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanuonyam no.

Daakye Anuonyam

18 Minim amane a yɛrehu no saa bere yi nyɛ nea wɔde toto anuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. 19 Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan. 20 Efisɛ bere a emfi abɔde mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde ɛnnan ade hunu. Nanso na saa anidaso yi 21 , da bi, abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne ɔporɔw mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam.

22 Yenim ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene ɔpemfo a awo aka no. 23 Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Eyi kyerɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24 Na wɔnam saa anidaso yi so gyee yɛn nkwa. yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso bio. Na hena na nʼani tumi da ade a ɔwɔ dedaw so? 25 Na yɛn ani da ade a yɛn nsa nkae so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26 Saa ara na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ, yennim ɔkwan a wɔfa so mpae sɛnea ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisi de nsɛm a enni kabea di ma yɛn. 27 Onyankopɔn a ohu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuwii, efisɛ Honhom no nam Onyankopɔn so di ma Onyankopɔn mma nʼanim.

Yɛsen Nkonimdifo

28 Yenim ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn. 29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dedaw no, ɔde wɔn asi wɔnyɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a oyii wɔn sii no, na wɔn a oyii wɔn no, obuu wɔn bem. Na wɔn a obuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam nso.

Onyankopɔn Yɛn Afa

31 Afei, asɛm bɛn; dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? 32 Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33 Hena na obebu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na obu bem. 34 Hena na obu ? Kristo Yesu ne nea owui na wonyan no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no. 35 Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana? 36 Dabi da! Wɔakyerɛw se,

"Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;

wobu yɛn nguan a wɔrekokum wɔn."

37 Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38 Migye di ampa owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39 anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Veja também