8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, "Monsan nkɔ mo nanom fi. Awurade ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no. 9 Awurade mmoa mo mu biara na onya ɔhome wɔ okunu foforo fi." Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui.
10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, "Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn."
11 Nanso Naomi kae se, "Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? 12 Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, 13 mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ Awurade ayi ne nsa afi me so!"
14 Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.