7 Saa bere no, na ɛyɛ Israel amanne sɛ, sɛ obiara redan nʼade bi a watɔ no ɔkwan pa so ama obi foforo a, ɔworɔw ne mpaboa de ma nea ɔtɔ no. Wɔyɛ saa wɔ bagua mu de hyɛ adetɔ no mu den.
14 Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, "Anuonyam nka Awurade sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.
17 Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, "Afei de Naomi anya ɔbabarima bio." Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena.
22 Obed woo Yisai,
na Yisai woo Dawid.