Pular para o conteúdo
Publicidade

Rut 4:7,14,17,22

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

7 Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ sɛ, sɛ obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa wɔ badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den.

14 Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, "Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.

17 Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, "Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio." Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.

22 Obed woo Yisai,

ɛnna Yisai woo Dawid.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    7 Saa bere no, na ɛyɛ Israel amanne sɛ, sɛ obiara redan nʼade bi a watɔ no ɔkwan pa so ama obi foforo a, ɔworɔw ne mpaboa de ma nea ɔtɔ no. Wɔyɛ saa wɔ bagua mu de hyɛ adetɔ no mu den.

    14 Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, "Anuonyam nka Awurade sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.

    17 Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, "Afei de Naomi anya ɔbabarima bio." Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena.

    22 Obed woo Yisai,

    na Yisai woo Dawid.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Rute
Ver todos os capítulos de Rute