5 Sɛ nyansa1.5 Ɛma anigye wɔ ɔhaw mu (nky. 2). Yennya nyansa kɛkɛ, na mmom, ɛyɛ honhom aba (3.13-18; Mmb 1.2-9) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa. 6 Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7 Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; 8 nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.