Pular para o conteúdo
Publicidade

Tiago 2

Kɔkɔbɔ

1 Me nuanom, moyɛ agyidifo Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ nhwɛanim. 2 muhyia a, ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nyinaa tumi ba bi. 3 wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, "Tena saa akongua pa yi so," na woka kyerɛ ohiani no nso se, "Sɔre gyina anaa tena fam me nan ase ha" a, 4 wudi wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.

5 Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo wɔnyɛ adefo gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho no. 6 Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo atemmufo anim? Adefo! 7 Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.

8 Eye mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, "wo yɔnko wo ho" no so. 9 Na mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, mudi ho na mmara no di tia mo mmaratofo. 10 Obiara a obu mmara no mu baako so no bu ne nyinaa so. 11 Efisɛ nea ɔkae se, "Nsɛe aware" no, ɔno ara nso na ɔkae se, "Nni awu." Na woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.

12 woyɛ Kristo apɛde o, woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye. 13 Efisɛ obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Nanso mmɔborɔhunu bunkam atemmu so.

14 Me nuanom, obi ka se, "Mewɔ gyidi" na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana? 15 anuanom bi a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi, 16 na wokɔka kyerɛ wɔn se, "Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye" na woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17 Saa ara na gyidi te. nneyɛe nka ho a, na awu.

18 Nanso obi betumi aka se, "Obi gyidi na afoforo nso nneyɛe."

Me mmuae ne , "Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi." 19 Wugye di Onyankopɔn baako na ɔwɔ ? Eye! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo osuro mu.

20 Ɔkwasea! Wopɛ wɔka kyerɛ wo gyidi a nneyɛe mmata ho no so nni mfaso ana? 21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so ɔde ne ba Isak maa afɔremuka so no. 22 Wuhu ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu. 23 Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.2.23 Saa asɛm yi (2 Be 20.7) kyerɛ Abraham ne Onyankopɔn adamfofa ne gye a ogyee no ɔtreneeni no. (Yoh 15.13-15) 24 Eyi da no adi pefee Onyankopɔn nam onipa nneyɛe so na obu no bem, na ɛnnam ne gyidi nko so.

25 Saa ara na ɛte aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe maa Onyankopɔn buu no bem, efisɛ ogyee Yudafo bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so. 26 Sɛnea onipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso awu.

Veja também