Pular para o conteúdo
Publicidade

Tito 1

Nkyia

1 Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Wɔpaw me na wɔsomaa me se memmɛtrɛw nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi mu no, na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde onyamesuro ba 2 nkwa a enni awiei ho anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn ho ansa na ɔrefi wiase ase; 3 na afei ne bere a ɛsɛ mu no, ɔfaa asɛnka a ɔno Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no hyɛ me menka no so daa no adi.

4 Mekyerɛw me ba Tito gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu:

Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Asɛmpakafo Yiyedi

5 Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na woayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano. 6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7 Ɛnsɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo. 8 Ɛsɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso. 9 Ɛsɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi.

10 Nnipa pii a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. 11 Ɛsɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de sika. 12 Mpo Kreta adiyifo no mu baako kae se, "Kretafo no atorofo, mmoa atirimɔdenfo ne akwadwofo adidifo." 13 Na asɛm a ɔkae no nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa, 14 na wɔantena ase amma twetiatwa atosɛm ne ɔhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no. 15 Biribiara kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron no, nanso biribiara nyɛ kronkron mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi no, efisɛ wɔn adwene ne wɔn tiboa ho agu fi. 16 Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wontumi nyɛ ade pa biara.

Veja também

Tito
Ver todos os capítulos de Tito