Pular para o conteúdo
Publicidade

Tito 1

6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7 Ɛnsɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo. 8 Ɛsɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso. 9 Ɛsɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi.

Veja também

Tito
Ver todos os capítulos de Tito