11 Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. 12 Nʼadom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wɔ wiase ha. 13 Yɛwɔ anidaso wɔ bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ anuonyam mu no. 14 Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn nnipa a yɛpɛ papayɛ no kronkron de yɛn yɛɛ ne nko ara de.