Publicidade

1 Coríntios 10

Ahoni Ho Kɔkɔbɔ

1 Anuanom, mepɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu. 2 Omununkum no ne Ɛpo no mu, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu Mose akyidifoɔ. 3 Wɔn nyinaa dii honhom fam aduane 4 na wɔnom honhom fam anonneɛ. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsuo; na saa ɔbotan no Kristo no ankasa. 5 Yeinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa ɛserɛ no so no.

6 Seesei, yeinom nyinaa nhwɛsoɔ ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso , ɛnsɛ yɛpɛ bɔne sɛdeɛ wɔyɛeɛ no, 7 ɛnna ɛnsɛ yɛsom ahoni sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka , "Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wɔgoroo abosomgorɔ." 8 Ɛnsɛ yɛbɔ adwaman, sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no na da koro wɔn mu ɔpeduonumiɛnsa wuwuiɛ no. 9 Ɛnsɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no maa awɔ kekaa wɔn kunkumm wɔn no. 10 Ɛnsɛ monwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ maa ɔsɛe ɔbɔfoɔ sɛee wɔn no.

11 Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri , yɛte ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ. 12 Obiara a ɔdwene ɔgyina no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase. 13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso.

Morentumi Nhwɛ Afanu No

14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho. 15 Mekasa kyerɛ mo anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa. 16 yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa? 17 Esiane burodo no baako na yɛdi no ɔhonam korɔ mu enti, ɛwom dɔɔso deɛ, nanso yɛn nyinaa nnipa baako.

18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no ne afɔrebukyia no ayɔnkoyɛ. 19 Mebisa , afɔrebɔdeɛ a wɔde ama ohoni no biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20 Dabi, asɛm a mereka ne , deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ ɔbosonsomni afɔrebukyia so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ mode mo ho bɛhyɛnehyɛne ahonhommɔne. 21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsane nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi Awurade ɛpono so na monsane nnidi ahonhommɔne ɛpono nso so. 22 Anaa mopɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yɛgye di yɛyɛ den sene no anaa?

23 Wɔka , "Woama yɛn ho ɛkwan yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ." Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ. "Wɔama yɛn ho ɛkwan yɛnyɛ biribiara." Nanso, ɛnyɛ biribiara na ɛtumi boa yɛn. 24 Ɛnsɛ obiara ne nko ne yiedie na mmom, ɛsɛ ɔhwehwɛ afoforɔ nso yiedie.

25 Adwenemdahɔ enti motumi biribiara a wɔtɔn dwa so di a mommisa ho asɛm biara. 26 Ɛfiri , Atwerɛsɛm no ka , "Asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa Awurade dea."

27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene wobɛkɔ a, adwenemdahɔ enti, aduane a ɔde bɛma wo biara, di a wommisa ho asɛm biara. 28 Nanso, obi ka kyerɛ wo , "Wɔde saa aduane yi maa ahoni" a, ɛsiane deɛ ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwenemdahɔ enti, nni saa aduane no. 29 Ɛno nyɛ wʼadwene, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amaneɛ no adwene. Obi bɛbisa , "Adɛn enti na obi adwene si mʼahofadie ho ɛkwan? 30 meda Awurade ase mʼaduane ho a, adɛn enti na aduane a mada ho ase no obi ka ho asɛm?"

31 Biribiara a mobɛyɛ no, moredidi o, morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32 Monnyɛ biribiara mfa nha Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ anaa Onyankopɔn asafo. 33 Monyɛ sɛdeɛ meyɛ no. Mema obiara ani gye deɛ meyɛ ho a mennwene mʼankasa me yiedie ho, na mmom, medwene yɛn nyinaa yiedie ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-