Publicidade

1 Coríntios 13

1 mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni a, na mete yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ. 2 Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso menni ɔdɔ a, menka hwee. 3 Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi wɔnhye, nanso menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.

4 Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; 5 ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; 6 ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. 7 Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

8 Ɔdɔ daa. Nkɔmhyɛ nanso, ɛnte daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ , nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu , nanso ɛbɛtwam. 9 Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no fa ne fa bi; 10 nanso deɛ ɛyɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu. 11 Meyɛ abɔfra no mekasaa abɔfra, medwenee abɔfra, mesusuu abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no. 12 Deɛ yɛhunu no seesei no te su bi a ɛyɛ kusuu ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ me ho no.

13 Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ : gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-