Publicidade

1 Coríntios 16

Ɛtoɔ Yie

1 Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ wɔnyɛ no bi. 2 Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ. 3 meba a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem. 4 ɛho hia me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

Paulo Nhyehyɛeɛ

5 mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri , mɛfa . 6 Ebia, mɛdi nna kakra mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ mekɔ. 7 Mempɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ , Awurade a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre. 8 Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no. 9 Ɛwom wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa ha.

10 Timoteo ba mo nkyɛn ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri , ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara. 11 Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri , merehwɛ ɔne anuanom no anim.

12 Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene ɔbɛba seesei ara. ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.

13 Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden. 14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.

15 Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom, 16 monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. 17 Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan 18 na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara . Ɛsɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.

19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo.

Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.

20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo.

Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.

21 Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.

22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta "Yɛn Awurade bra!"

23 Awurade Yesu adom mmra mo so.

24 Me nka mo nyinaa Kristo Yesu mu. Amen.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-