Publicidade

1 Coríntios 14

1 Ɔdɔ na ɛsɛ mohwehwɛ akyire kwan. Momma mo akoma nni Honhom no akyɛdeɛ akyi, ne titire no, nkɔmhyɛ.

Kasa Foforɔ

2 Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri , obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm. 3 Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. 4 Onipa a ɔka kasa foforɔ no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. 5 Ɛwom mepɛ mo nyinaa ka kasa foforɔ deɛ, nanso mepɛ mo nyinaa nya akyɛdeɛ a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Ɛfiri , onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yie kyɛn onipa a ɔka kasa foforɔ no, gye , obi a ɔbɛkyerɛ aseɛ, ma aboa asafo no nyinaa.

6 Enti anuanom, meba mo nkyɛn na meka kasa foforɔ a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya me ho? Morennya hwee gye meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahunu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyane mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. 7 Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te , abɛn anaa sankuo a wɔde nnwom no, nnwom no no mu anna a, obiara rente ne . 8 Na deɛ ɔbɔ totorobɛnto no nso ammɔ no yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔko? 9 Saa ara nso na mebisa , moka kasa foforɔ a emu nna a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera mframa mu. 10 Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ ewiase, nanso emu biara nni a nteaseɛ nni mu. 11 Na mente kasa a obi ka no ase a, deɛ ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔhoɔ ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔhoɔ ama no. 12 Esiane mopere mobɛnya Honhom no akyɛdeɛ no enti, ɛsɛ mohwehwɛ deɛ ɛbɛboa asafo no ama atim yie.

13 Ɛsɛ obi a ɔka kasa foforɔ no mpaeɛ na ɔtumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. 14 meka kasa foforɔ mpaeɛ a, me honhom saa mpaeɛ no, nanso mʼadwene mmoa. 15 Ɛdeɛn na afei ɛsɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpaeɛ, na ɛtɔ da bi nso a mede mʼadwene bɛbɔ mpaeɛ; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede mʼadwene nso bɛto bi. 16 wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so "Amen" bi? Ɛkwan biara nni a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase. 17 ɛba saa a, na wʼaseda mpaeɛ a worebɔ Onyankopɔn no ɛdeɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɛkwan biara so.

18 Meda Onyankopɔn ase meka kasa foforɔ sene mo a mowɔ ha nyinaa. 19 Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene mɛka nsɛm mpempem kasa foforɔ mu.

20 Monnnwene , mmɔfra, anuanom; nanso yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho mmɔfra. Nanso, monnwene mmadwemma. 21 Atwerɛsɛm no ka ,

"Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so

bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi.

Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa

nanso, wɔrentie me,"

Awurade na ɔseɛ.

22 Kasa foforɔ no wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. 23 asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni wɔbɛka moabobɔ adam? 24 Nanso, mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na obi a ɔnni gyidie anaa onipa foforɔ bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bɛbu no atɛn 25 na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne , "Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho ha!"

Asafo No Mu Ɔsom

26 Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ sɛn? mohyia moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforɔ ɛnna ɔfoforɔ nso akyerɛkyerɛ aseɛ. Ɛsɛ biribiara boa asafo no nkɔsoɔ. 27 obi ɔka kasa foforɔ a, aboro so koraa no, ɛsɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforɔ nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. 28 Na obi nni a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ yi ase de a, ɛsɛ onipa a ɔka saa kasa no komm nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.

29 Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔn nkyɛn no na ɛsɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie, adwene ho. 30 Na obi a ɔte nso nya asɛm firi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. 31 Ɛsɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛdeɛ mo nyinaa bɛnya osuahunu bi ne nkuranhyɛ. 32 Ɛsɛ nkɔmhyɛni no pene so, gyae ma ɔfoforɔ nso kasa. 33 Ɛfiri , Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoeɛpɛfoɔ. Sɛdeɛ ɛte Onyankopɔn asafo mu no.

34 Ɛsɛ mmaa a wɔwɔ asafo mu no komm asafo no nhyiamu ase. Wɔnni ho ɛkwan wɔkasa, sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no. 35 wɔrepɛ biribi mu ahunu a, wɔmmisa wɔn kununom fie. Ɔbaa kasa asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguaseɛ.

36 Anaa mofa no Onyankopɔn asɛm no firi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na ɛfiri? 37 obi susu ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ ɔte ne ho ase nsɛm a meretwerɛ yi, Awurade na ɔhyɛɛ me mentwerɛ. 38 Enti, ɔntie yei a, ɛnneɛ, monntie ɔno nso.

39 Enti anuanom, mompere mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae mobɛka kasa foforɔ. 40 Ɛsɛ moyɛ biribiara ne kwan so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-