Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 1

Yuda Nnommumfoɔ Sane Ba Yerusalem

1 Na Persiahene Kores afe a ɛdi ɛkan no mu no, Awurade kaa Kores akoma maa ɔtwerɛɛ saa dawurobɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman yi nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.

2 Sɛdeɛ Persiahene Kores1.2 Na Kores Ahemman no trɛ firi India kɔsi Misraim, ɛtoaa so firi hɔ Ɛpo Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kɔsi Etiopia. ka nie:

Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me , mensi asɔredan mma no Yerusalem Yuda asase so. 3 Mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Yerusalem Yuda, nsane nkɔsi saa Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Onyankopɔn bɛka mo ho. 4 Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no no, ɛsɛ wɔma Yudafoɔ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantuo nneɛma, nyɛmmoa ne akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantuo no.

5 Na Onyankopɔn kaa Lewifoɔ, Yuda ne Benyamin mmusuakuo ntuanofoɔ akoma , wɔnsane mmra Yerusalem mmɛsiesie Awurade asɔredan no. 6 Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho.

7 Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ. 8 Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa.

9 Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ:

sikakɔkɔɔ nsiaseɛ 30

dwetɛ nsiaseɛ 1,000

dwetɛ ɔhyeɛsɛn 29

10 sikakɔkɔɔ atam 30

dwetɛ atam 410

nneɛma a ɛkeka ho 1,000

11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar ɔmfa nkɔ Yerusalem ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa no dodoɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400).

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também