Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 9

Ɛsra Ahɔhowadeɛ Ho Mpaeɛ

1 Na Yudafoɔ ntuanofoɔ no baa me nkyɛn bɛkaa , "Israelfoɔ bebree, na mpo, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ntwee wɔn ho mfirii nnipa afoforɔ bi a wɔte asase no so no ho. Wɔdi akyiwadeɛ a na Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ no akyi. 2 Na Israelfoɔ mmarima ware firi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom firi wɔn mu, ma wɔn mmammarima. Enti, mfrafrawadeɛ no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Deɛ ɛsɛe asɛm no koraa ne , mpanimfoɔ ne ntuanofoɔ no koraa na wɔdi ho kɛseɛ."

3 Metee saa asɛm yi no, mesunsuanee me ntadeɛ mu,9.3 Ntadeɛ mu sunsuane kyerɛ osu ne awerɛhoɔdie. tutuu me tirinwi firii me tiri so, tutuu mʼabɔgyesɛ nso, te tenaa fam ahodwirie so. 4 Na wɔn a wɔnyaa ayamhyehyeɛ Israel Onyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn ne nkurɔfoɔ nokorɛ a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwirie so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔberɛ.

5 Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ Awurade, me Onyankopɔn. 6 Mebɔɔ mpaeɛ :

"Ao me Onyankopɔn, mʼani awu yie, na mafɛre merepagya mʼani akyerɛ wo. Na yɛn bɔne asoa soro sene yɛn enti na yɛn afɔdie aduru ɔsorosoro. 7 Yɛn abakɔsɛm nyinaa bɔne kɛseɛ fua. Ɛno enti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfoɔ ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔno, agu yɛn anim ase sɛdeɛ yɛte ɛnnɛ yi ara.

8 "Nanso, seesei, wɔahunu yɛn mmɔbɔ kakra, ɛfiri , Awurade, yɛn Onyankopɔn, ama yɛn mu kakra atena nkwa mu nkaaseɛ. Wabɔ yɛn ho ban beaeɛ kronkron ha. Yɛn Onyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegyeɛ bi afiri yɛn nkoasom mu. 9 Ɛfiri , na yɛyɛ nkoa nanso, ne a ɔde yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo Yuda ne Yerusalem.

10 "Na seesei Ao, yɛn Onyankopɔn, yeinom nyinaa akyi asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Ɛfiri , yɛapo wo mmaransɛm bio. 11 Wʼasomfoɔ adiyifoɔ no bɔɔ yɛn kɔkɔ , asase a yɛbɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛɛ bɔne so agu ho fi koraa. Porɔeɛ ahyɛ asase no so ma, firi tire kɔsi tire. 12 Woka kyerɛɛ yɛn , yɛmmma yɛn mmammaa nnware wɔn mmammarima, na yɛn mmammarima nso nnware wɔn mmammaa, na ɛnsɛ yɛboa saa aman no kwan biara so. Wohyɛɛ , yɛgyae saa nneɛma yi a, yɛbɛyɛ ɔman kɛseɛ. Wohyɛɛ , yɛbɛdi asase no so nnepa, na yɛagya ama yɛn mma daapem agyapadeɛ.

13 "Wɔretwe yɛn aso seesei yɛn amumuyɛsɛm ne yɛn afɔdie ho. Nanso, asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sene sɛdeɛ ɛfata yɛn, ɛfiri , wo Awurade, yɛn Onyankopɔn ama yɛn mu bi atena nkaeɛfoɔ. 14 Nanso, seesei, yɛresane abu wo mmaransɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwadeɛ no redi awadeɛ. Nokorɛm, wʼabufuo bɛsɛe yɛn ara akɔsi , nkaeɛfoɔ kakra no ase bɛtɔre. 15 Ao Awurade, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também