Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 2

1 Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2 Na wɔn ntuanofoɔ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:

3 Dodoɔ a wɔyɛ

   Paros abusuafoɔ 2,172

   4 Sefatia abusuafoɔ 372

   5 Arah abusuafoɔ 775

   6 Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812

   7 Elam abusuafoɔ 1,254

   8 Satu abusuafoɔ 945

   9 Sakai abusuafoɔ 760

   10 Bani abusuafoɔ 642

   11 Bebai abusuafoɔ 623

   12 Asgad abusuafoɔ 1,222

   13 Adonikam abusuafoɔ 666

   14 Bigwai abusuafoɔ 2,056

   15 Adin abusuafoɔ 454

   16 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98

   17 Besai abusuafoɔ 323

   18 Yora abusuafoɔ 112

   19 Hasum abusuafoɔ 223

   20 Gibar abusuafoɔ 95

   21 Betlehemfoɔ 123

   22 Netofafoɔ 56

   23 Anatotfoɔ 128

   24 Asmawetfoɔ 42

   25 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743

   26 Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621

   27 Mikmasfoɔ 122

   28 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223

   29 Nebo ɔman mma 52

   30 Magbis ɔman 156

   31 Elam ɔman mma 1,254

   32 Harim ɔman mma 320

   33 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725

   34 Yeriko ɔman mma 345

   35 Senaa ɔman mma 3,630

36 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973

37 Imer abusuafoɔ 1,052

38 Pashur abusuafoɔ 1,247

39 Harim abusuafoɔ 1,017

40 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

   Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74

41 Nnwontofoɔ:

   Asaf2.41 Na Asaf yɛ Lewifoɔ no mu baako a Dawid yii no maa ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. abusuafoɔ 128

42 Aponoanohwɛfoɔ:2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.

   Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ

   Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139

43 Asɔredan asomfoɔ:

Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,

44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,

45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,

46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,

47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,

48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,

49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ,

50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,

51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,

52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,

53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,

54 Nesia ne Hatifa.

55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:

Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,

56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,

57 Sefatia, Hatil,

Pokeret-Hasebaim ne Ami.

58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ 392

59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu , wɔn anaa wɔn abusuafoɔ Israel asefoɔ.

Saa nnipakuo yi ne:

60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ 652

61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:

Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)

62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom asɔfoɔ. 63 Na amrado no hyɛɛ wɔn mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea saa asɛm yi ho.

64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase. ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67 nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.

68 Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no ne siberɛ dada mu . 69 Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.

70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii baeɛ no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também