Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛsra 10

Bɔneka

1 Ɛberɛ a Ɛsra bɔɔ mpaeɛ, kaa saa bɔne yi no, na ɔresu de ne ho toto fam Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfoɔ, mmarima, mmaa ne mmɔfra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. 2 Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra , "Yɛpae mu ka yɛanni yɛn Onyankopɔn nokorɛ, ɛfiri , yɛawareware abosonsomfoɔ mmaa a wɔwɔ asase no so. Nanso, yei akyi no, anidasoɔ ma Israel. 3 Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so. 4 Ma wo bo nyɛ duru, ɛfiri , ɛyɛ wʼasɛdeɛ wokyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa."

5 Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam , wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano den. 6 Na Ɛsra sɔre firii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa , nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhoɔ ɛsiane asutwafoɔ a wɔasane aba no nokorɛ a wɔannie no enti.

7 Afei, wɔbɔɔ dawuro Yuda ne Yerusalem nyinaa , asutwafoɔ a wɔasane aba no nyinaa mmra Yerusalem. 8 Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, ntuanofoɔ ne mpanimfoɔ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapadeɛ so, na wɔapam wɔn afiri asutwafoɔ no mu.

9 Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano Yerusalem. Asɛm yi sii Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri , deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ. 10 Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa , "Moayɛ bɔne, ɛfiri , moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano den mu sene kane deɛ no. 11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na monyɛ nʼapɛdeɛ. Monte mo ho mfiri nnipa a wɔwɔ asase no so ne abosonsomfoɔ mmaa no ho."

12 Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa , "Ampa, wʼasɛm no nokorɛ. Ɛsɛ yɛyɛ deɛ woaka no. 13 Wɔtoaa so : Yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri , yɛn mu bebree na saa bɔne kɛseɛ yi ka yɛn. Saa ɛberɛ yi osutɔberɛ, enti yɛrentumi ntena ha nkyɛre. 14 Momma yɛn mpanimfoɔ nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbosonsomni baa no ne ntuanofoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ kuro yi mu bɛhyia ɛberɛ a yɛahyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ a ɛfa saa asɛm yi ho no bɛfiri yɛn so." 15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wɔtiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.

16 Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Afe a ɛdi so no mu, Abib bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so aduonu nson no na wɔawie mmarima a wɔawareware abosonsomfoɔ mmaa no nyinaa ho asɛnka.

18 Asɔfoɔ a na wɔawareware abosonsomfoɔ no din nie:

Yosadak babarima Yesua ne ne nuammarimanom:

Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. 19 Wɔkaa ntam wɔbɛgyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdie too mu, na wɔde nnwennini bɛbɔɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.

20 Imer abusua mu no:

Hanani ne Sebadia.

21 Harim abusua mu no:

Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.

22 Pashur abusua mu no:

Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.

23 Yeinom ne Lewifoɔ a na afɔdie da wɔn so:

Yosabad, Simei, Kelaia, Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.

24 Dwomtofoɔ a na afɔdie da ne so no :

Eliasib.

Yeinom ne aponoanohwɛfoɔ a na afɔdie da wɔn so:

Salum, Telem ne Uri.

25 Yeinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfoɔ a na afɔdie da wɔn so:

Paros abusua mu no:

Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia.

26 Elam abusua mu no:

Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.

27 Satu abusua mu no:

Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.

28 Bebai abusua mu no:

Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.

29 Bani abusua mu no:

Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.

30 Pahat-Moab abusua mu no:

Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besaleel, Binui ne Manase.

31 Harim abusua mu no:

Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. 32 Benyamin, Maluk ne Semaria.

33 Hasum abusua mu no:

Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.

34 Bani abusua mu no:

Maadai, Amram ne Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai ne Yaasu.

38 Binui abusua mu no:

Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria ne Yosef.

43 Nebo abusua mu no:

Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoɛl ne Benaia.

44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi mma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também