Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 36

1 Afei, nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas ɔhene Yerusalem.

Yehoahas Di Ɔhene Yuda

2 Ɛberɛ a Yehoahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa nanso, ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa . 3 Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan afiri Yuda no na ɔtuu no adeɛ so. 4 Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas ɔdeduani de no kɔɔ Misraim.

Yehoiakim Di Ɔhene Yuda

5 Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne Awurade ne Onyankopɔn ani so. 6 Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia. 7 Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie Babilonia.

8 Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ ɔhene.

Yehoiakyin Di Ɔhene Yuda

9 Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu . Yehoiakyin yɛɛ bɔne Awurade ani so. 10 Afe a ɛdi ɛkan bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, ɔnni ɔhene Yuda ne Yerusalem.

Sedekia Di Ɔhene Yuda

11 Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia dubaako. 12 Ɔyɛɛ bɔne Awurade, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. 13 Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar ɛberɛ a na waka ntam adi nse Onyankopɔn din mu , ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho. 14 Asɔfoɔ no ntuanofoɔ nyinaa ne ɔmanfoɔ no kɔɔ so yɛɛ mmaratofoɔ. Wɔyɛɛ abosonsomfoɔ a wɔwɔ aman a atwa ahyia no nneyɛeɛ no bi, na wɔguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.

15 Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri , na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no. 16 Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho , amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho ara kɔsii Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano.

Yerusalem Asehweɛ

17 Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar. 18 Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ. 19 Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no.

20 Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii Persia ahennie bɛdii tumi. 21 Enti, Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kaeɛ no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegyeɛ, ɛdaa mpan mfirinhyia aduɔson sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no.

Kores Gya Nnommumfoɔ Ɛkwan

22 Persiahene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu no, Awurade maa odiyifoɔ Yeremia nkɔmhyɛ baa mu. Ɔkaa Kores akoma ma ɔtwerɛ bɔɔ no dawuro nʼahennie nyinaa mu ,

23 "Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie:

" Awurade, ɔsorosoro Onyankopɔn de ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me mensi asɔredan mma no Yerusalem Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Israel nkɔdi saa dwuma yi. Awurade, mo Onyankopɔn nka mo ho.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também