Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 1

Salomo Srɛ Nyansa

1 Ɔhene Dawid babarima Salomo sɔɔ ahennie no mu den, ɛfiri Awurade, ne Onyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso.

2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa. 3 Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔ Gibeon so baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no asie. Yei Ntomadan a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ sii ɛserɛ no so no. 4 Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afiri Kiriat-Yearim de ntomadan sononko bi a wasi Yerusalem mu. 5 Nanso, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur nana a ɔyɛ Uri babarima Besaleel siiɛ no da so Gibeon, Awurade Asɔredan no anim. Enti, Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano , bisaa Awurade akwankyerɛ. 6 Hyiadan no anim , Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho Awurade anim, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ apem so.

7 Ɛda no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi daeɛ mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no , "Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!"

8 Salomo buaa Onyankopɔn , "Wodii mʼagya Dawid nokorɛ na woyɛɛ no adɔeɛ, na afei wode me asi nʼanan mu ɔhene. 9 Na afei Awurade Onyankopɔn, mesrɛ wo di ɛbɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri wode me asi nnipa a wɔn dodoɔ te asase so mfuturo so ɔhene. 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?"

11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo , "Esiane wʼahiasɛm kɛseɛ ne wopɛ woboa wo manfoɔ, na woammisa ahodeɛ, animuonyam anaa wʼatamfoɔ wuo anaa nkwa tenten, na mmom, wobisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛdi me nkurɔfoɔ so yie enti, 12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wobisaeɛ no. Afei, mɛma wo sika, ahodeɛ ne animuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da."

13 Na Salomo firii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔ no so no mu sane kɔɔ Yerusalem kɔdii ɔhene Israel so.

14 Salomo boaboaa asraadɔm a wɔdɔɔso yie a na nteaseɛnamkafoɔ apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu ka ho ano. Ɔmaa wɔn mu dodoɔ no tenaa nteaseɛnam nkuropɔn mu, na ebi nso tena bɛnee no Yerusalem. 15 Salomo ɛberɛ so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so aboɔ Yerusalem. Na ntweneduro aboɔden nnua nso buu so akyee nnua a na abu so Yuda mmepɔ ayaase no. 16 Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri , na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie Kilikia. 17 Saa ɛberɛ no, na wɔtumi Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também