Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 18

Yehosafat Ne Ahab

1 Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa. 2 Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3 Ahab bisaa no , "Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?" Na Yehosafat buaa , "Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo."

4 Afei, Yehosafat kaa , "Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade afotuo."

5 Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn , "Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?"

Wɔn nyinaa buaa , "Monkɔ na Onyankopɔn bɛma moadi nkonim."

6 Nanso, Yehosafat bisaa , "Na Awurade odiyifoɔ biara nni ha? Mepɛ mebisa no asɛm korɔ no ara."

7 Ɔhene Ahab buaa , "Ɔbaako da so ha a ɔbɛtumi abisa Awurade ama me, nanso, mekyiri no. Ɔnhyɛ nkɔm biara nsɛm a ɛnyɛ. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no."

Yehosafat kaa , "Nkasa saa. Ma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka."

8 Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no , "ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me."

Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab

9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano . Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔn anim. 10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!"

11 Adiyifoɔ a wɔwɔ no nyinaa penee so, kaa , "Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri , Awurade bɛma moadi nkonim."

12 Ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no , "Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ ɔhene no ɔbɛdi nkonim. Hwɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdie ho ."

13 Nanso, Mikaia buaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me menka no na mɛka."

14 Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no , "Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?"

Mikaia buaa , "Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdie a ɛho nyam."

15 Nanso, ɔhene no sɔɔ so , "Mpɛn ahe na menka , ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ woka nokorɛ?"

16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no , "Anisoadehunu mu no, mehunuu Israel nyinaa abɔ apete mmepɔ no so nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa , Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn efie asomdwoeɛ mu.’ "

17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat , "Manka ankyerɛ wo? Daa, saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛɛ nkɔm papa biara nkyerɛɛ me da. Nsɛm a ɛnyɛ na ɔka kyerɛ me."

18 Mikaia toaa so , "Tie deɛ Awurade ka! Mehunuu Awurade te nʼahennwa so a ɔsoro asraadɔm nyinaa tete ne nifa ne ne benkum so. 19 Na Awurade bisaa , Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakɔtu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no ?

"Adwenkyerɛ bebree baa ho, 20 kɔsii ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa , Mɛtumi ayɛ!’ "

Awurade bisaa , " Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei.’ "

21 Na honhom no buaa , "Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ."

Awurade kaa , "so , na wobɛdi nkonim.

22 "Enti, woahunu Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene ɔde amanehunu bɛba wo so."

23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa , "Da bɛn na Awurade honhom gyaa me bɛkasa kyerɛɛ wo?"

24 Na Mikaia buaa , "Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu."

25 Israelhene Ahab hyɛɛ , "Monkyere Mikaia, na momfa no nsane nkɔma Amon a ɔyɛ kuropɔn no so amrado ne me babarima Yoas. 26 Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn , Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara burodo ne nsuo, kɔsi mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ "

27 Nanso, Mikaia buaa , "woba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ , Awurade amfa me so ankasa!" Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina no , "Monhwɛ asɛm a maka no yie."

Ahab Owuo

28 Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat , "Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ." Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.

30 Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no , "Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so." 31 Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam , "Israelhene no na ɔte no." Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade ɔmmɛgye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfoɔ no ani firii ne so, de gyee no nkwa. 32 Ɛberɛ a nteaseɛnamkafoɔ no hunuu ɔnyɛ Israelhene no, wɔgyaee ne so taa.

33 Na Aram ɔsraani bi de anibiannasoɔ totoo nʼagyan guu Israel akodɔm no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkataboɔ ahyiaeɛ ne mmɔtoam. Ahab teaam kyerɛɛ nteaseɛnamkafoɔ no , "Momfa me mfiri ha, na wɔapira me pira bɔne." 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kɔtweree ne teaseɛnam a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no de kɔsii anwummerɛ. Na ɛyɛɛ sɛdeɛ owia rekɔtɔ no, ɔwuiɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também