Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 5

Wɔde Apam Adaka No Asɔredan No Mu

1 Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu.

2 Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuo ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa wɔmmɛhyia Yerusalem. Na ɛsɛ wɔyi Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛsi Dawid kuro a na wɔsane frɛ Sion no, de beaeɛ foforɔ Asɔredan no mu . 3 Bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirinhyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa bɛhyiaa ɔhene anim.

4 Ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɛduruu Israel no, Lewifoɔ no pagyaa Adaka no 5 ne ntomadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifoɔ asɔfoɔ no soa kɔɔ Asɔredan no mu. 6 Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ Adaka no anim.

7 Afei, asɔfoɔ no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ Kronkron mu Kronkron , de kɔhyɛɛ Kerubim no ntaban ase. 8 Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu Adaka no so, ma ɛyɛɛ kyiniiɛ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so. 9 Na nnua no woware yie; enti obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ɔhunu. Ne nyinaa da so bɛsi ɛnnɛ. 10 Na biribiara nni adaka no mu aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb ɛberɛ a Awurade ne Israelfoɔ a na wɔatu afiri Misraim no yɛɛ apam no.

11 Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea . Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ no nyinaa, wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee , adwira wɔn ho. 12 Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho. 13 Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo Awurade :

"Ɔyɛ!

Na nʼadɔeɛ daa!"

Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. 14 Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri , Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também