Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 22

Ahasia Di Ɔhene Yuda

1 Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi . Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene Yuda.

2 Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia.

3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri , ne maame hyɛɛ no nkuran bɔneyɛ mu. 4 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu. 5 Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram. 6 Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.

7 Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri , na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene , ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so. 8 Ɛberɛ a Yehu rebu atɛn atia Ahab fie no, ɔhyiaa Yuda mpanimfoɔ ne Ahasia abusuafoɔ bi a na wɔresom Ahasia. Enti, Yehu kunkumm wɔn nyinaa. 9 Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ , ɛfiri , nnipa dii ne ho adanseɛ , "Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana." Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata ɔdi ahennie no so.

Atalia Di Yuda So Ɔhene

10 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no. 11 Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no. 12 Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu mfeɛ nsia ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também