Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 12

Misraim Tu Yuda So Sa

1 Rehoboam timiiɛ na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa Awurade mmara, na Israel nyinaa dii nʼakyi saa bɔne yi mu. 2 Esiane na wɔnni Awurade nokorɛ no enti, afe a ɛtɔ so enum ɔhene Rehoboam adedie mu no, Misraimhene Sisak kɔto hyɛɛ Yerusalem so. 3 Ɔde nteaseɛnam apem ahanu, apɔnkɔsotefoɔ ɔpeduosia ne anammɔntwa asraafoɔ a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ ka ho na ɛbaeɛ. 4 Sisak dii Yudafoɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na ɔtu tenee ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem nso so.

5 Odiyifoɔ Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanimfoɔ a Sisak enti, wɔadwane aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn , "Sɛdeɛ Awurade seɛ nie! Moagya me enti, me nso meregya mo ama Sisak."

6 Ɔhene no ne Israel mpanimfoɔ brɛɛ wɔn ho ase, kaa , "Awurade di bem ɔyɛɛ yɛn saa!"

7 Awurade hunuu wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: "Esiane nnipa no abrɛ wɔn ho ase enti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛre, mɛma wɔn ahomegyeɛ. Meremfa Sisak so nna mʼabufuo adi Yerusalem so. 8 Nanso, wɔbɛyɛ nʼasomfoɔ sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ wɔn , ɛsɛ wɔsom me sene wɔbɛsom ewiase ahemfo."

9 Enti, Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaa agyapadeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ akokyɛm no nyinaa ka ho. 10 Akyire no, ɔhene Rehoboam de kɔbere mfrafraeɛ akokyɛm sii anan, na ɔde hyɛɛ wɔn a wɔwɛn no no panin nsa ɔnhwɛ so. 11 Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfoɔ no soa , na wɔasane de akɔgu adekoradan a wɔwɛn no mu.

12 Esiane Rehoboam brɛɛ ne ho ase enti, Awurade abufuo no firii ne so, enti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiedie kɔɔ so Yuda asase so.

Rehoboam Ahennie Tiawatwa

13 Ɔhene Rehoboam timiiɛ Yerusalem, na ɔtoaa so dii ɔhene. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan baako. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia dunson Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔfiri Amon. 14 Na ɔyɛ ɔhene bɔne, ɛfiri , wamfa nʼakoma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyiri ɛkwan.

15 Wɔatwerɛ Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no odiyifoɔ Semaia nwoma ne nhunumuni Ido nwoma a ɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ nwoma no fa bi mu. Ɛberɛ biara, na akokoakoko Rehoboam ne Yeroboam ntam. 16 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼadeɛ ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também