Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 21

Yehoram Di Ɔhene Yuda

1 Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ ɔhene. 2 Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. 3 Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane Yehoram abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.

4 Na ɛberɛ a Yehoram ahennie timiiɛ no, ɔkunkumm ne nuammarima no nyinaa ne Israelfoɔ ntuanofoɔ bi. 5 Ɛberɛ a Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. 6 Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te ɔhene Ahab, ɛfiri , na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne Awurade ani so. 7 Nanso, na Awurade mpɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri , na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ , nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ.

8 Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. 9 Enti, Yehoram de akodɔm ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔto hyɛɛ Edom so. Edomfoɔ twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum mu dwaneeɛ. 10 Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri , na Yehoram atwe ne ho afiri Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn ho. 11 Na wasisi abosonsomfoɔ asɔreeɛ Yuda mmepɔ asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfoɔ anyame.

12 Na odiyifoɔ Elia twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Yehoram:

"Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ nie: Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nana Yudahene Asa nhwɛsoɔpa so. 13 Mmom, woayɛ omumuyɛfoɔ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ akɔsom ahoni te deɛ ɔhene Ahab yɛɛ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wɔdi mu sene wo. 14 Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo, wo nkurɔfoɔ, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. 15 Wʼankasa deɛ, wɔde nsono mu yadeɛ a ɛyɛ ya yie bɛto wo so kɔsi wʼayamudeɛ bɛtu apue.’ "

16 Na Awurade kaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔte bɛn Etiopiafoɔ so wɔnkɔto nhyɛ Yehoram so. 17 Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so, kɔbubuu ne banbɔdeɛ nyinaa, foo aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfie a ne mmammarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wɔgyaa no.

18 Yei akyi na Awurade maa nsono mu yadeɛ a ano den bɔɔ Yehoram. 19 Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no.

20 Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também