Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 24

Yoas Siesie Asɔredan No

1 Yoas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ nson, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na ne maame din de Sibia a ɔfiri Beer-Seba. 2 Yoas yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfoɔ Yehoiada nkwa nna nyinaa. 3 Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmammarima ne mmammaa.

4 Akyire no, Yoas yɛɛ nʼadwene ɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no. 5 Enti, ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔ Yuda nkuro nyinaa so ntɛm, na monkɔgyegye afirinhyiatoɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi asiesie mo Onyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa." Nanso, Lewifoɔ no ankɔ prɛko .

6 Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanin Yehoiada bisaa no , "Adɛn enti na wommisaa Lewifoɔ no deɛ enti a wɔnkɔɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem nkɔgyegyee Asɔredan ho toɔ no? Mose, Awurade ɔsomfoɔ, gyegyee ɔman Israel saa toɔ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi asiesie Apam Ntomadan no."

7 Mfeɛ pii mu no, otirimuɔdenfoɔ Atalia akyidifoɔ wuraa Onyankopɔn Asɔredan mu, na nneɛma a wɔahyira so Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔfa de somm Baal ahoni.

8 Enti, afei, Yoas hyɛɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɛkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi. 9 Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim , wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ ɛserɛ so no mmrɛ Awurade. 10 Ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no penee so, enti wɔde anigyeɛ de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. 11 Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifoɔ no soa de kɔma ɔhene mpanimfoɔ. Na asɛnniiɛ twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin ananmusini bi akan sika no, na wɔasane de adaka no akɔsi Asɔredan no ɛpono ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wɔnyaa sika bebree. 12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansie sohwɛfoɔ, ma wɔfaa adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ, ma wɔsiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnadeɛ adwumfoɔ maa wɔde nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.

13 Na mmarima a wɔhwɛ ɛdan no nsiesie so no yɛɛ adwumaden ma adwuma no kɔɔ so sɛdeɛ ɛfata. Wɔsii Onyankopɔn Asɔredan no ne tebea dada no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. 14 Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu Awurade asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa ɔhyeɛ afɔdeɛ Awurade Asɔredan mu .

15 Yehoiada nyinii yie, ɔwuiɛ no na wadi mfirinhyia ɔha ne aduasa. 16 Wɔsiee no ahemfo asieeɛ Dawid kurom, ɛfiri , na wayɛ adwuma pa Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.

Yehoiada Ɔsom Nhyehyɛeɛ No Sesa

17 Yehoiada owuo akyi no, Yuda ntuanofoɔ bɛkotoo ɔhene Yoas anim, srɛɛ no ɔntie wɔn afotuo. 18 Wɔyɛɛ wɔn adwene wɔbɛgya Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera afɔrebukyia no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so wɔn bɔne enti. 19 Awurade somaa adiyifoɔ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.

20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa , "Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni Awurade ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri , moagya Awurade ama ɔno nso agya mo!"

21 Na ntuanofoɔ no yɛɛ apam Sakaria ho wɔbɛkum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wɔsii no aboɔ, kumm no Awurade Asɔredan no adihɔ . 22 Na ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne babarima. Sakaria rewuo no, nsɛm a ɔka twaa toɔ ne , "Awurade nhunu deɛ wɔreyɛ na ɔmma wɔmmu ho akonta!"

Yoas Adedie Awieeɛ

23 Afe no ahyɛaseɛ no, Aram akodɔm bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛeɛ, kunkumm ntuanofoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asadeɛ a wɔnyaeɛ nyinaa, de kɔmaa wɔn ɔhene Damasko. 24 Ɛwom Aram dɔm a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no sua deɛ, nanso, Awurade boaa wɔn maa wɔdii Yuda akodɔm kɛseɛ no so nkonim. Yudafoɔ gyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, ɛno enti Awurade buu atɛn tiaa Yoas. 25 Aramfoɔ twee wɔn ho na wɔgyaa Yoas a na wapira yie no . Nanso, ɔno ankasa mpanimfoɔ dwenee ho , ɛsiane ɔkumm ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima enti, wɔbɛkum no. Wɔkumm no ɛberɛ a ɔda mpa so. Na wɔsiee no Dawid kurom a wɔankɔsie no adehyeɛ amusieeɛ.

26 Na awudifoɔ no Yosabat a ɔyɛ Amonni baa Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabni baa Simrit babarima. 27 Wɔatwerɛ nsɛm a ɛfa Yoas mmammarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no nsiesie Ahene nwoma nkyerɛmu no mu. Yoas wuiɛ no, ne babarima Amasia dii nʼadeɛ ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também