Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 4

Nneɛma A Wɔde Siesiee Asɔredan No Mu

1 Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ anammɔn dunum. 2 Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu anammɔn aduanan enum. 3 Na Ɛpo no nsɛsodeɛ a ɛte anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no.

4 Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 5 Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum.

6 Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum Ɛpo no anafoɔ fam na enum atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi.

7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no.

8 Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha.

9 Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. 10 Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so .

11 Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ.

12 Afadum mmienu,

aduntire a wɔayɛ no asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,

nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu wɔde asiesie aduntire no,

13 ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no).

14 Ɔyɛɛ nsuo nteaseɛnam a dwaresɛn no sisi so,

15 Ɛpo no ne anantwie sɛso dumienu a wɔhyɛ aseɛ,

16 nkukuo, nsofi, ɛnam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa.

Huram-Abi de kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛdeɛ Ɔhene Salomo hyɛɛ no no. 17 Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 18 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde dii dwuma no dodoɔ enti, wɔantumi anhunu emu duru ano.

19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa:

sikakɔkɔɔ afɔrebukyia;

apono a wɔde Hyiadan mu Burodo no gu so;

20 kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn Kronkron mu Kronkron no anim sɛdeɛ wɔakyerɛ no;

21 nhwiren a wɔde siesie, nkanea ne afagya a wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛɛ no nyinaa;

22 nkanea akapɛ, dwaresɛn, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu no nyinaa sikakɔkɔɔ amapa;

apono a wɔtintim ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne deɛ ɛkɔ Asɔredan no dan kɛseɛ mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na ɛduraa ho nyinaa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também