Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 6

Salomo Hyira Nnipa No

1 Afei, Salomo bɔɔ mpaeɛ , "Ao Awurade, woaka , wobɛtena omununkum kusuu mu. 2 Afei, masi Asɔredan a ɛho nyam ama wo, baabi a wobɛtumi atena afebɔɔ."

3 Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn , 4 "Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri , ɔka kyerɛɛ mʼagya , 5 Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu baabi a ɛsɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim. 6 Nanso, afei, mayi Yerusalem kuropɔn, ne Dawid ɔhene.’ "

7 Afei, Salomo kaa , "Mʼagya Dawid pɛɛ ɔsi saa Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. 8 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no , Ɛyɛ wopɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam 9 nanso, ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.

10 "Na afei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho no, ɛfiri , masi mʼagya anan mu ɔhene. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. 11 Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfoɔ yɛeɛ no hyɛ."

Salomo Mpaeɛ Bue Asɔredan No Ano

12 Na Salomo pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro Awurade afɔrebukyia ne Israel manfoɔ no nyinaa anim. 13 Na wabɔ kɔbere mfrafraeɛ apa a nʼatweeɛmu anammɔn nson ne fa, ne tɛtrɛtɛ anammɔn nson ne fa, na ne ɔsorokɔ anammɔn ɛnan ne fa, de asi asɔredan no adihɔ mfimfini. Ɔgyinaa apa no so nnipa no nyinaa anim. Ɔbuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ soro. 14 Ɔbɔɔ mpaeɛ ,

"Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni wo ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo a ɛwɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa. 15 Wo a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.

16 "Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no , wʼasefoɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.17 Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, di saa a woahyɛ wo ɔsomfoɔ Dawid no so.

18 "Ɛyɛ nokorɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu asase so? Ɔsorosoro nohoa mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masie yi bɛtumi akora wo. 19 Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao Awurade, me Onyankopɔn. Tie osufrɛ ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ no. 20 Hwɛ saa Asɔredan yi so, beaeɛ a woaka wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpaeɛ a mebɔ ha no. 21 Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ adebisa a me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ mpaeɛ ha de to wʼanim no. Aane, tie yɛn firi soro baabi a wote no; na wote nso a, fa kyɛ.

22 "obi fom obi, na ɛho hia ɔka ho ntam ɔnnim ho hwee afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a, 23 tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no.

24 "wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔn atamfoɔ di wɔn so nkonim na wɔsane ba wo nkyɛn, wo din na wɔbɔ wo mpaeɛ Asɔredan yi mu a, 25 tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.

26 "wo nkurɔfoɔ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔto ɔsoro mu na osuo antɔ na wɔbɔ mpaeɛ Asɔredan yi mu, wo din, twe wɔn ho firi wɔn bɔne ho, ɛfiri , woatwe wɔn aso a, 27 tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ wɔn agyapadeɛ sononko no so.

28 "ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no, 29 wo nkurɔfoɔ mpaeɛ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa asɔredan yi mu a, 30 tie firi ɔsoro deɛ wote , na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfoɔ no ma wɔn, ɛfiri , wo nko ara na wonim onipa akoma mu. 31 Ɛno akyi wɔbɛsuro wo na wɔanante wʼakwan so mmerɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.

32 "Na ananafoɔ te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no, na wɔfiri akyirikyiri bɛsom wo din kɛseɛ no, mpaeɛ de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a, 33 tie firi soro deɛ wote , na wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahunu, asuro wo, sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso bɛhunu , wo din na ɛda saa Asɔredan a masie yi so.

34 "wohyɛ wo nkurɔfoɔ wɔmfiri adi nkɔko ntia wɔn atamfoɔ, na wɔbɔ wo mpaeɛ firi kuro yi a woayi, ne saa asɔredan yi a masi de wo din ato so yi mu a, 35 tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na wɔn abisadeɛ ma wɔn.

36 "wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn ama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn. 37 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, mpaeɛ , Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,38 na wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, mpaeɛ fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi ho a, 39 tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ . Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.

40 "Ao me Onyankopɔn, tie mpaeɛ a wɔbɔ no ha no nyinaa.

41 "Afei, Ao Awurade Onyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,

a wɔde wʼapam Adaka fɛfɛ no abɛsi no.

"Ao Awurade Onyankopɔn, ma nkwagyeɛ mmra wʼasɔfoɔ so,

na wʼahotefoɔ nnya wʼayamyɛ mu anigyeɛ.

42 "Ao Awurade Onyankopɔn, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.

Kae ɔdɔ a ɛtoɔ ntwa da, a wode dɔɔ wo ɔsomfoɔ Dawid no."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também