Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 10

Atifi Fam Mmusuakuo Te Atua

1 Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri , na Israelfoɔ nyinaa akɔ wɔrekɔsi no ɔhene. 2 Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee Salomo wuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri , ɔdwane firii Salomo anim kɔɔ Misraim. 3 Israel mpanimfoɔ soma maa wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ wɔne Rehoboam rekɔkasa. 4 Wɔkaa , "Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu."

5 Rehoboam buaa wɔn , "Mommra nnansa akyi, mmɛgye mmuaeɛ." Enti, nnipa no kɔeɛ.

6 Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanimfoɔ bi a na wɔtu nʼagya Salomo fo ne wɔn kɔsusuu asɛm no ho. Ɔbisaa wɔn , "Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?"

7 Mpanimfoɔ yi buaa , "woyɛ nnipa no yie, na woyɛ ayamyɛ kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfoɔ nokwafoɔ."

8 Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn. 9 Ɔbisaa wɔn , "Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?"

10 Mmeranteɛ no buaa , "Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no , Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; modwene ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.11 Aane, na mʼagya den mo so, nanso me deɛ, mɛyɛ deɛ ɛkyɛn saa. mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo."

12 Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. 13 Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo, 14 na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no , "Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!" 15 Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri , ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.

16 Ɛberɛ a Israel hunuu ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam ,

"Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho.

Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara.

Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie.

Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie."

Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie. 17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene.

18 Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem. 19 Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também