Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Berɛsosɛm 11

Semaia Nkɔmhyɛ

1 Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm a ɛyɛ akodɔm papa ɔpeha aduɔwɔtwe ano, wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wagye ahennie no afa.

2 Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa Semaia , 3 "Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a ɔdi ɔhene Yuda ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin , 4 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Nko ntia wʼabusuafoɔ. Sane wʼakyi efie, ɛfiri , me na memaa asɛm a asie no ho kwan!’ " Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.

Rehoboam Ma Yuda Banbɔ

5 Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkuro ahodoɔ ho ban, maa Yuda yɛɛ den. 6 Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, 7 Bet-Sur, Soko, Adulam, 8 Gat, Maresa, Sif, 9 Adoraim, Lakis, Aseka, 10 Sora, Ayalon ne Hebron. Yeinom ne nkuro a wɔbɔɔ ho ban Yuda ne Benyamin.11.10 Yɛnhunu saa nkuropɔn yi din wɔ Ahene Nwoma no mu. Rehoboam miaa banbɔ mu wɔ ahennie no apueeɛ, atɔeɛ ne anafoɔ fam ahyeɛ so. Nanso wanyɛ saa wɔ atifi fam. Na nʼadwene ne sɛ ɔbɛka ahennie no nyinaa abɔ mu na sɛ Misraimfoɔ nam ntohyɛsoɔ so bɛhunahuna wɔn a, wɔatumi agyina ano. 11 Rehoboam yeree wɔn banbɔ mu, na ɔde asahene duaduaa . Ɔkoraa nnuane, ngo ne nsã kuropɔn biara so. 12 Ɔde akokyɛm ne mpea siee saa nkuro yi mu, de hyɛɛ wɔn banbɔ mu den. Enti, Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.

13 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuo te no kɔɔ Rehoboam afa. 14 Na Lewifoɔ no mpo gyaa wɔn afie ne wɔn agyapadeɛ kɔɔ Yuda ne Yerusalem, ɛfiri , Yeroboam ne ne mmammarima amma wɔn kwan ansom Awurade asɔfoɔ. 15 Yeroboam yii nʼankasa asɔfoɔ, ma wɔsomm abosonsomfoɔ asɔreeɛ so a na wɔsom abirekyie ne nantwie mma ahoni a na wɔayɛ. 16 Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ wɔsom Awurade, Israel Onyankopɔn no dii Lewifoɔ no akyi kɔɔ Yerusalem baabi a wɔbɛtumi de ayɛyɛdeɛ ama Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no. 17 Yei maa Yuda ahennie nyaa ahoɔden, na wɔde mfeɛ mmiɛnsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokorɛm, sɛdeɛ wɔyɛɛ Dawid ne Salomo ahennie mu no.

Rehoboam Abusua

18 Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babaa. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babaa nso. 19 Mahalat woo mmammarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. 20 Akyire no, ɔwaree Absalom babaa Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. 21 Na Rehoboam Maaka yie sene ne yerenom a wɔaka ne ne mpenafoɔ nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenafoɔ aduosia, na wɔwowoo mmammarima aduonu nwɔtwe ne mmammaa aduosia.

22 Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene maa ɛdaa adi pefee daakye, ɔno na ɔbɛdi nʼadeɛ ɔhene. 23 Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadie hyehyɛɛ ne mmammarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkuro a wɔabɔ ho ban, nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, hyehyɛɛ awadeɛ bebree maa wɔn mu biara.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também