Publicidade

1 Coríntios 4

Kristo Asomafoɔ

1 Ɛsɛ mobu yɛn Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa. 2 Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne , ɔbɛdi ne wura no nokorɛ. 3 mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn. 4 Mʼadwene mu fann, nanso ɛno nkyerɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn. 5 Enti, ɛnsɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta sum mu no adi na wada deɛ ahinta nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn no, wɔakamfo no.

6 Anuanom, mo enti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asuasɛm a ɛka , "Di mmara pa so" no. Ɛnsɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta. 7 Hwan na ɔka kyerɛɛ wo wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?

8 Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. 9 Ɛyɛ me yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ badwa mu nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ. 10 Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo. 11 Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena; 12 yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano. 13 Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ.

14 Ɛnyɛ mepɛ megu mo anim ase enti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ mekyerɛ mo ɛkwan me ara me mma a medɔ wɔn. 15 Na mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo mo asetena mu Kristo mu a, mowɔ Agya baako . Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. 16 Mesrɛ mo monsuasua me. 17 Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me ba a ɔdi me nokorɛ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ asafo biara a mekɔ mu no.

18 Mo mu bi ayɛ ahantan, susu meremmɛsra mo. 19 Awurade a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20 Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. 21 Emu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa akoma a ɔdɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn?

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-