Publicidade

2 Coríntios 10

Paulo Yi Ne Ho Ano

1 Me, Paulo a mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na menni mo nkyɛn nso a me koko duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu : 2 meba a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie me bo bɛtumi ayɛ duru nnipa a wɔka ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so. 3 Ɛyɛ nokorɛ , yɛte ewiase, nanso yɛnnyina wiasesɛm so yɛn ko mu. 4 Akodeɛ a yɛde ko no mfiri ewiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akodeɛ a ano den a yɛbɛtumi de asɛe atamfoɔ mpampim a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu. 5 Yɛsɛe akwansideɛ biara a ɛtia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo. 6 mo setie wie pɛyɛ na obi sane asoɔden ɛkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.

7 Sɛdeɛ nneɛma te no ara na mohunu. Obi a ɔkari ne ho ka , ɔyɛ Kristo dea? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ ɛfiri , yɛn nso yɛyɛ Kristo dea sɛdeɛ ɔno nso ne dea no. 8 Ɛnyɛ me aniwu aba mede tumi a Awurade de ama me memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho. 9 Mempɛ modwene mede me nkrataa a matwerɛ mo no rehunahuna mo. 10 Obi bɛka , "Paulo nkrataa mu nsɛm no ya nanso ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!" 11 Ɛsɛ saa onipa no te ne ho ase , nsonsonoeɛ biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛtwerɛɛ ɛberɛ a yɛnni mo nkyɛn no, ne deɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.

12 Ɛyɛ nokorɛ, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no nkwaseafoɔ! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn. 13 Yɛn deɛ, yɛn ahohoahoa no nntra beaeɛ bi. Yɛn ahohoahoa no nntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no. 14 Esiane mowɔ saa tebea no mu enti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. 15 Yei enti yɛmmfa adwuma a nkurɔfoɔ ayɛ nhoahoa yɛn ho te yɛn ara na yɛyɛeɛ. Deɛ yɛrepɛ ne mo gyidie ase bɛtim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beaeɛ a Onyankopɔn ahyɛ no. 16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa aman foforɔ so a yɛremfa adwuma a ɔfoforɔ ayɛ no nhoahoa yɛn ho. 17 Atwerɛsɛm no ka , "Obiara a ɔpɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no adeɛ a Awurade ayɛ mu." 18 Ɛfiri , ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ɔgye no to mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-