Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Coríntios 5

Adwamammɔ

1 Nnansa yi, wɔkeka adwaman a morebɔ asafo no mu no hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo obi afa nʼagya yere. 2 Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn enti na ɛnsɛ mo werɛ ho ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu. 3 Ɛwom me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te deɛ mewɔ mo nkyɛn ara . 4 Mohyia na meka mo ho honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no enti, 5 ɛsɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne onipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa.

6 Ɛnsɛ mohoahoa mo ho. Monim , "Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no tu." 7 Ɛsɛ moyi saa bɔne mmɔreka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ mmɔre foforɔ a mmɔreka nni mu sɛdeɛ menim mo mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Afahyɛ Odwan no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so. 8 Yei enti, mommma yɛmmfa mmɔreka dada a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa burodo a mmɔreka nni mu na ɛyɛ kronn no nni afahyɛ no.

9 Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa mu mommfa mo ho mmɔ adwamanfoɔ ho. 10 Menkyerɛ ewiase yi adwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. wompɛ wo ne yeinom a, na ɛsɛ wofiri ewiase koraa. 11 Deɛ mekyerɛ ne , mommfa mo ho mmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho onua nanso ɔbɔ adwaman anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.

12 Adɛn enti na ɛsɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ mobu wɔn atɛn? 13 Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka , "Monyi onipa ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu."

Veja também