Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 27

1 Hiob toaa nʼasɛm so ,

2 "Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee,

Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ;

3 mmerɛ dodoɔ a nkwa me mu,

na Onyankopɔn homeɛ me mu yi,

4 mʼano renka amumuyɛsɛm,

na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.

5 Merennye nto mu da deɛ woka no nokorɛ;

merenka me mudie nhyɛ, kɔsi mɛwuo.

6 Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu;

mete ase yi, me tiboa remmu me .

7 "Ma mʼatamfoɔ nyɛ amumuyɛfoɔ,

na wɔn a wɔkyiri me nyɛ atorofoɔ.

8 Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no ne wuo akyi,

ɛberɛ a Onyankopɔn agye ne nkwa afiri ne nsam?

9 Onyankopɔn tie ne sufrɛ

ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa?

10 Nʼani bɛgye Otumfoɔ mu?

Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa?

11 "Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;

meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta.

12 Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa.

Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn?

13 "Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato ama omumuyɛfoɔ,

agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn:

14 ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena;

na nʼasefoɔ rennidi mmee da.

15 Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka nʼakyi,

na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.

16 Ɛwom ɔhɔre dwetɛ te mfuturo

na ɔboa ntoma ano dɔteɛ deɛ,

17 nanso deɛ ɔpɛ gu no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira

na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no.

18 Efie a ɔsi no te ananse afafa,

ɛte pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ.

19 Ɔda te ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio;

ɔbɛte nʼani no na ne nyinaa atu ayera.

20 Ahunahuna ba ne so nsuyire;

ahum hwim no anadwo.

21 Apueeɛ mframa soa no , na ɔnni bio;

ɛtwe no firi ne teberɛ.

22 Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu

ɛberɛ a ɔredwane afiri ne tumi ase.

23 Ɔde ne nsam

na ɔpamoo no firi ne teberɛ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também