Publicidade

Jó 25

Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

1 Na Suhini Bildad buaa sɛ,

2 "Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3 Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa?

Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?

4 Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn,

na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?

5 Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn

na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,

6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama,

onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!"

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-