Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 35

1 Afei, Elihu kaa :

2 "Wogye di yei fata?

Woka , Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.

3 Nanso wobisa no , Mfasoɔ bɛn na mɛnya,

na manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?

4 "Mepɛ mebua wo

ne wo nnamfonom nyinaa.

5 Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ;

hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa. 6 woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn?

Mpo wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so?

7 wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔ

anaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?

8 Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte wo

na wo tenenee pira nnipa mma nko ara.

9 "Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase;

na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam.

10 Nanso, obi mmisa , Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no ,

deɛ ɔma nnwom anadwo no,

11 deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoa

na ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?

12 nnipa su team a, ɔmmua,

amumuyɛfoɔ ahantan enti.

13 Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;

na Otumfoɔ remmu.

14 Woka wonhunu no,

nanso wotwɛn no a,

ɔde atɛntenenee bɛba

enti ɛsɛ wotwɛn no.

15 Bio, woka nʼabufuo mmfa asotweɛ mma

na nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii.

16 Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu;

nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também