Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 18

Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu

1 Na Suhini Bildad buaa ,

2 "Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?

Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.

3 Adɛn enti na wofa yɛn anantwie

na wosusu yɛnnim nyansa yi?

4 Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,

wo enti, ɛsɛ yɛfiri asase yi so

anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?

5 "Omumuyɛfoɔ kanea adum;

na ne ogya nnɛre bio.

6 Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;

kanea a ɛsi ne ho no dum.

7 Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;

nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.

8 Nʼanammɔn de no afidie mu,

na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.

9 Afidie ne nantin

na ɛsɔ ne mu denden.

10 Wɔasum no afidie ahinta fam;

afidie ne kwan mu.

11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa ne ho nyinaa

na ɛha no nʼanammɔntuo biara mu.

12 Atoyerɛnkyɛm kɔn no;

na ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

13 Ɛwewe ne honam ani baabi;

na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.

14 Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu

na wɔde no brɛ ahunahunahene.

15 Ogya te ne ntomadan mu;

na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.

16 Ne nhini wuwu aseɛ

na ne mman nso wu ɔsoro.

17 Wɔrenkae no asase so bio;

na ɔrennya edin asase so.

18 Wɔka no firi hann mu sum mu

na wɔpam no firi ewiase.

19 Ɔnni mma anaa nananom ne nkurɔfoɔ mu,

na nʼase ni biara renka baabi a ɔtenaeɛ.

20 Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn deɛ ato noɔ no ho;

na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.

21 Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;

sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também