Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 37

1 "Yei ma mʼakoma paripari

na ɛbɔ denden pa ara.

2 Tie! Tie ne nne mmobom,

ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba.

3 Ɔgyaa nʼanyinam mu ɔsoro ase nyinaa

na ɔma ɛkɔduru asase ano.

4 Ɛno akyi na ne mmobom no ba;

ɔde nne kɛseɛ bobom.

ɔkasa a,

biribiara nsianka no.

5 Onyankopɔn nne bobom ma no nwanwa;

ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.

6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma , gu asase so,

ne osutɔ nso , osutɔ kɛseɛ.

7 Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti,

ɔma obiara gyae nʼadwuma.

8 Wiram mmoa kɔtetɛ;

wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu.

9 Ahum tu firi ne pia mu,

na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu.

10 Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba,

na nsuo hahanaa no kyene.

11 Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma;

na ɔtwa nʼanyinam fa mu.

12 Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini

fa asase so nyinaa so hyia

deɛ ɔkyerɛ wɔnyɛ biara.

13 Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso,

anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.

14 "Tie yei, Hiob;

gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho.

15 Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum,

na ɔma anyinam tete firi mu?

16 Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem,

deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?

17 Mo a mote fifire mo ntadeɛ mu

ɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no dinn no,

18 wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem,

a ɛyɛ dene kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ?

19 "Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ yɛka kyerɛ no;

yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane yɛnnim enti.

20 Ɛsɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ mepɛ me ne no kasa anaa?

Onipa bi a ɔbɛpɛ wɔbɛmene no anaa?

21 Obiara rentumi nhwɛ owia,

sɛdeɛ ɛhyerɛn ewiem

ɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ.

22 Ɔfiri atifi fam ba animuonyam sononko mu;

Onyankopɔn ba surokronkron tumi mu.

23 Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi kɛseɛ;

nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.

24 Ɛno enti nnipa de anidie ma no,

na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também