Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 40

1 Afei Awurade buaa Hiob ,

2 "Deɛ ɔne Otumfoɔ no asɛm no bɛtene ne so anaa?

Ma deɛ ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!"

3 Na Hiob buaa Awurade ,

4 "Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ?

Mede me nsa memua mʼano.

5 Makasa baako, nanso menni mmuaeɛ

mprenu so, na merenkasa bio."

6 Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob ,

7 "Hyɛ wo ho den ɔbarima;

mɛbisa wo nsɛm,

na ɛsɛ wobua me.

8 "Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa?

Wobɛbu me de abu wo ho bem?

9 Wowɔ abasa te Onyankopɔn deɛ,

na wo nne bɛtumi abobom ne deɛ?

10 Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho,

na fira anidie ne kɛseyɛ.

11 Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu,

hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,

12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam

na tiatia amumuyɛfoɔ so faako a wɔgyina .

13 Sie wɔn nyinaa mu mfuturo mu;

kata wɔn anim damena mu.

14 Na afei mʼankasa mɛgye atom

wo ara wo basa nifa bɛtumi agye wo nkwa.

15 "Hwɛ susono,

deɛ meyɛɛ no kaa wo ho

na ɔwe ɛserɛ te ɔnantwie.

16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ nʼasene mu

ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu!

17 Ne dua hinhim ntweneduro;

ne srɛ mu ntini peperee.

18 Ne nnompe te kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn,

nʼabasa ne ne nan te nnadeɛ praban.

19 Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,

nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so.

20 Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no,

na wiram mmoa nyinaa goro bɛn .

21 Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda,

na atɛkyɛ mu demmire akata no so.

22 Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so;

na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia.

23 Nsuo nworosoɔ nha no;

mpo Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw.

24 Obi bɛtumi akye no animono;

anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também