Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 33

1 "Na afei, Hiob, tie me nsɛm;

aso ma biribiara a mɛka.

2 Merebɛbue mʼano;

me nsɛm aba me tɛkrɛma so.

3 Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu;

na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim.

4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me;

Otumfoɔ no ahome ma me nkwa.

5 wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ;

siesie wo ho, na ka si mʼanim.

6 Wo ne me nyinaa Onyankopɔn anim;

me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu.

7 Ɛnsɛ wosuro me,

na ɛnsɛ me nsa den wo so.

8 "Nanso woaka ama mate,

metee saa nsɛm no, na wokaa ,

9 Meyɛ kronn na menni bɔne;

me ho te na afɔdie biara nni me ho.

10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomsoɔ;

wafa me ne ɔtamfoɔ.

11 Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu;

na nʼani mʼakwan nyinaa so.

12 "Nanso meka mekyerɛ wo , yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ,

ɛfiri Onyankopɔn so sene ɔdasani.

13 Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no

ɔmmua onipa nsɛm biara anaa?

14 Nanso, Onyankopɔn kasa akwan ahodoɔ so,

na ebia nnipa nte.

15 Ɔkasa daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu,

ɛberɛ a nna afa nnipa

na wɔretu nkorɔmo wɔn mpa so,

16 ɔtumi kasa gu wɔn asom

na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,

17 ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho

na watwe no afiri ahantan ho,

18 ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu

na ɔnhwere ne nkwa akofena ano.

19 Onyankopɔn tumi de yea twe onipa aso ɛberɛ a ɔda mpa so

na ne nnompe mu yea nnyae da,

20 kɔsi ne kɔn nnɔ aduane

na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;

21 ɔfɔn basaa,

na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da .

22 Ne ɔkra bɛn damena,

na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ.

23 "Nanso abɔfoɔ apem no mu baako nʼafa

ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a,

24 ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka ,

Monnyaa no na wankɔ damena mu;

na manya mpatadeɛ ama no,

25 afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ abɔfra deɛ,

na asi ne dada mu mmeranteberɛ mu deɛ.

26 ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne ,

ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam

na Onyankopɔn agye no bio ɔteneneeni.

27 Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka ,

Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene,

nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me.

28 Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu,

enti mɛtena ase na madi hann no mu .

29 "Onyankopɔn yeinom nyinaa ma onipa,

mprɛnu ne ne mprɛnsa so,

30 sɛdeɛ onipa kra renkɔ damena mu,

na nkwa hann no ahyerɛn ne so.

31 "aso, Hiob, na tie me;

dinn na menkasa.

32 Na wowɔ biribi ka a, bua me;

kasa, na mepɛ wɔbu wo bem.

33 ɛnte saa nso a, ɛnneɛ tie me.

dinn na mɛkyerɛ wo nyansa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também