Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 39

1 "Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ?

Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba?

2 Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn?

Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa?

3 Wɔkoto wowo wɔn mma;

na wɔn awokoɔ yea to twa.

4 Wɔn mma nyini ahoɔden so wiram;

na wɔgya wɔn awofoɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio.

5 "Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die?

Hwan na ɔsanee ne nhoma?

6 Mede asase bonini maa no ne fie,

ne nkyene asase tamaa nʼatenaeɛ.

7 Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no;

na ɔnte ɔkafoɔ nteateam.

8 Ɔkyinkyini mmepɔ no so nʼadidibea;

ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara.

9 "Ɛkoɔ bɛpene ɔbɛsom wo anaa?

Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa?

10 Wobɛtumi asa no fentemfidie so?

Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa?

11 Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti?

Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?

12 Wogye di ɔde wʼaburo bɛba

na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?

13 "Sohori nʼataban mu anigyeɛ so,

nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.

14 Ɔto ne nkosua gu asase so

ma mfuturo ka no hye,

15 ɛmfa ne ho ɛnan bi bɛpɛkyɛ no,

wiram aboa bi bɛtiatia so.

16 Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea;

ɛmfa ne ho nʼadwuma bɛyɛ kwa,

17 ɛfiri Onyankopɔn amma no nyansa,

wamma no nhunumu biara.

18 Nanso ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a,

ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.

19 "Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden

anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no?

20 Wo na woma no huri te ntutummɛ,

na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa?

21 Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu,

na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

22 Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara;

ɔhunu akofena a ɔnnwane.

23 Bɛmma woso ne nkyɛn mu bɔha mu,

na pea ne pɛmɛ nso di ahim ne ho.

24 Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam;

na wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako.

25 totorobɛnto hyɛne a ɔka , Wiɛɛ!

ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri,

ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ.

26 "Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo

na ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ?

27 Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu sorosoro

kɔyɛ ne pirebuo ?

28 Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda;

ɔbotan sorɔnsorɔn nʼabandenden.

29 Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane;

nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri.

30 Mogya ne mma aduane,

na baabi a atɔfoɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também