Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 30

1 "Nanso seesei wɔsere me,

nnipa a manyini sene wɔn,

na wɔn agyanom mfata

wɔne me nnwan ho nkraman tena.

2 Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden ma me,

ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu?

3 Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete,

wɔnante asase wesee

ne asase bonini so anadwo.

4 Wɔboaboaa nkyenhahan ano nkyɛkyerɛ mu,

na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane.

5 Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu,

na wɔhuroo wɔn akorɔmfoɔ.

6 Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo,

abotan ne ɛfam ntokuro mu.

7 Wɔsuu mfunumu wiram

na wɔfoforee so ɔdɔtɔ ase.

8 Ekuo a wɔmfra na wɔnni din,

wɔpam wɔn firii asase no so.

9 "Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom me akutia;

mayɛ abusudeɛ wɔn mu.

10 Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho;

wɔmmfɛre wɔtete ntasuo gu mʼanim.

11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,

wɔyɛ deɛ wɔpɛ mʼanim.

12 Abusuakuo no to hyɛ me so me nifa so;

wɔsum me nan mfidie,

na wɔsisi apie tia me.

13 Wɔsisi mʼakwan;

na wɔnya me sɛe me

na obiara mmoa me.

14 Wɔba te deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu;

wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba.

15 Ahunahuna ma me ho dwiri me;

mʼanimuonyam atu sɛdeɛ mframa abɔ agu,

me banbɔ atu ayera omununkum.

16 "Na seesei, me nkwa resa;

na amanehunu nna akyekyere me.

17 Anadwo wowɔ me nnompe mu;

ɔyea a ɛwe me no nnyae.

18 Onyankopɔn firi ne tumi mu aduradeɛ ma me;

ɔmia me te mʼatadeɛ kɔn.

19 Ɔto me twene atɛkyɛ mu

na ɔma me mfuturo ne nsõ.

20 "Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me.

Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.

21 Woba me so anibereɛ so;

wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so.

22 Wohwim me na wode mframa pia me;

wodankyidankyi me ahum mu.

23 Menim wode me bɛkɔ owuo mu,

baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa.

24 "Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ

ɛberɛ a ɔresu mmoa nʼamanehunu mu.

25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa?

Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa?

26 Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ;

ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.

27 Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;

na nna a amanehunu mu da mʼanim.

28 Menenam a mabiri a ɛnyɛ owia na ahye me;

megyina adwaberem na mesu mmoa.

29 Madane nnompo nuabarima,

me ne apatuo na ɛbɔ.

30 Me honam ani abiri na ɛhwanehwane;

huraeɛ ama me ho adɔ.

31 Me sankuo kwadwom,

na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também