Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 41

1 "Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn

anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma?

2 Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu,

anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu?

3 Ɔbɛkɔ so asrɛ wo hunu no mmɔbɔ anaa?

Ɔne wo bɛkasa brɛoo?

4 Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam

ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa?

5 Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te anomaa

anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?

6 Adwadifoɔ bɛpɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?

7 Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu

anaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho?

8 Wode wo nsa ka no a,

wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio!

9 Ɛkwan biara nni a wobɛfa so akye no;

ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo.

10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no.

Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?

11 Hwan na mede no ka a ɛsɛ metua?

Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase me.

12 "Me werɛ remfiri mɛka nʼakwaa,

nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm.

13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma,

na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

14 Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan,

a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?

15 Nʼakyi abona a ɛsesa soɔ,

ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa;

16 sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti,

mframa biara mfa ntam.

17 Ɛtoatoa mu dendeenden a

emu ntumi ntete.

18 ɔnwansi a, ɛtete ogya;

nʼaniwa aba te ahemadakye hann.

19 Egyatɛn turi firi nʼanom

na nsramma turituri firi mu.

20 Wisie tene firi ne hwene mu

te ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ.

21 Nʼahomeɛ ma gyabidie ano ,

na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.

22 Ne kɔn mu ahoɔden ankasa;

wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu.

23 Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no peperee;

ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho.

24 Ne koko so dene ɔbotan;

ɛyɛ dene ayuoyammoɔ.

25 ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ huboa;

ɔporo ne ho a, wɔdwane.

26 Akofena no a, ɛnka no,

pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.

27 Ɔfa dadeɛ wira bi

na kɔbere mfrafraeɛ te dua a awuo bi ma no.

28 Agyan mma no nnwane;

ahwimmoɔ mu aboa ntɛtɛ ma no.

29 Aporibaa te ɛserɛ nʼani so;

na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ.

30 Abon a ano nnam tuatua ne yafunu so.

Ɔtwe ne ho ase fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.

31 Ɔma ebunu mu huru nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu

na ɔnunu ɛpo mu sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu.

32 Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ;

na obi bɛsusu ɛpo bunu adane ayɛ dwono.

33 Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ.

Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee.

34 Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;

ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também