15 Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi. 16 Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, "Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ." 17 Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.
Publicidade