Publicidade

1 João 1

1 Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no. 2 Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. 3 Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo no mu. 4 Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ.

Onyankopɔn Hann

5 Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn hann a esum nni ne mu koraa. 6 Na afei yɛka yɛne no ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu. 7 Na yɛte hann mu sɛdeɛ ɔte hann mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.

8 yɛka yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu. 9 yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho. 10 yɛka yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn ɔtorofoɔ a nʼAsɛm no nni yɛn mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-