Pular para o conteúdo
Publicidade

Amos 7

Mmoadabi, Ogya Ne Kyirebennyɛ Homa

1 Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio. 2 Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam , "Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri , ɔyɛ ɔman ketewa bi."

3 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ.

Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa , "Merenyɛ."

4 Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no. 5 Na me teaam , "Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri , ɔyɛ ɔman ketewa bi."

6 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa , "Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso."

7 Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. 8 Na Awurade bisaa me , "Amos, ɛdeɛn na wohunu?"

Mebuaa , "Kyirebennyɛ ahoma."

Na Awurade kaa , "Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

9 "Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea

na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;

mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie."

Amos Ne Amasia

10 Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam , "Amos rebɔ atia wo Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. 11 Deɛ Amos reka nie:

" Yeroboam bɛwu akofena ano,

na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,

akyirikyiri asase so.’ "

12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos , "Firi ha , wo ɔdehunufoɔ! Sane Yuda asase so na kɔtena hyɛ wo nkɔm. 13 Nhyɛ nkɔm bio Bet-El ha, ɛfiri ɛha ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan."

14 Amos buaa Amasia , "Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15 Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me , Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.16 Na afei, tie Awurade asɛm. Woka ,

" Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ,

na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.

17 "Enti asɛm a Awurade ka nie:

" Wo yere bɛbɔ adwaman kuropɔn yi mu,

wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu akofena ano.

Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu,

na wʼankasa nso, wobɛwu abosonsom ɔman mu,

na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,

akyirikyiri asase so.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também