Publicidade

Amós 8

Kɛntɛn A Aduaba A Abereɛ Wɔ Mu

1 Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu. 2 Ɔbisaa sɛ, "Ɛdeɛn na wohunu, Amos?"

Mebuaa sɛ, "Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma."

Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, "Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio."

3 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, "Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!"

4 Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so,

na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,

5 na moka sɛ,

"Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam

ama yɛatɔn aduane,

na Homeda bɛba awieeɛ

ama yɛadi ayuo dwa?"

Sɛ mobɛhyɛ susukora mu

na moatoto ɛboɔ so

na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,

6 na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ

na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa,

na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.

7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: "Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.

8 "Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa,

na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa?

Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil

ɛbubu afa so, na asane atwe bio

te sɛ Misraim asubɔnten."

9 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,

"Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ,

na mama esum aduru asase so awia ketee.

10 Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie

na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu.

Mɛma mo nyinaa afira ayitoma

na mayi mo tirinwi.

Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da

na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

11 "Nna no reba" sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,

"Mɛma ɛkɔm aba asase no so,

ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm,

na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.

12 Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so

na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam,

sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,

nanso wɔrenhunu.

13 "Na saa da no

"mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ

bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.

14 Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam,

anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no,

wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio."

Veja também

Publicidade
Amós
Ver todos os capítulos de Amós
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-