Publicidade

Amós 5

Ahunu Ne Adwensakyera

1 Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:

2 "Ɔbabunu Israel ahwe ase

a ɔrensɔre bio,

wɔapo no ɔno ara asase so,

na ɔnni obi a ɔbɛpagya no."

3 Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:

"Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,

emu ɔha pɛ na ɛbɛka;

Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,

emu edu pɛ na ɛbɛka."

4 Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:

"Monhwehwɛ me na monnya nkwa;

5 Monnhwehwɛ Bet-El,

monnkɔ Gilgal,

na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.

Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu

na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa."

6 Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,

anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;

ɛbɛhye,

na Bet-El rennya obi nnum no.

7 Mo a moma atemmuo yɛ nwono

na mototo tenenee ase.

8 Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,

deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ

na ɔma awia dane adesaeɛ.

Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano

na ɔhwie gu asase so,

ne din ne Awurade.

9 Ɔsɛe abandenden ntɛm so

na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,

10 motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ

na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.

11 Motiatia ohiani so

na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.

Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,

nanso morentena mu;

ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ

nanso morennom emu nsã.

12 Na menim mo mmarato dodoɔ

ne mo bɔne akɛseɛ no.

Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ

mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.

13 Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,

ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.

14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa

na ɛnyɛ bɔne.

Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,

sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.

15 Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;

Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.

Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn

bɛnya ahummɔborɔ ama

Yosef nkaeɛfoɔ.

16 Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:

"Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so

na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.

Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu

na agyamfoɔ abɛtwa adwo.

17 Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,

ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Awurade Ɛda No

18 Nnome nka wɔn a

wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!

Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?

Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.

19 Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim

na ɔkohyia sisire,

sɛ deɛ owura ne fie

de ne nsa to ɔfasuo so,

na ɔwɔ ka no.

20 Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,

ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.

21 "Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;

mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,

nanso merennye.

Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me

nanso mʼani rensɔ.

23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!

Merentie mo asankuten so nnwom.

24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,

na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!

25 "Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me

mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

26 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

27 Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,"

sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.

Veja também

Publicidade
Amós
Ver todos os capítulos de Amós
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-