Pular para o conteúdo
Publicidade

Amos 2

1 Deɛ Awurade seɛ nie:

"Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Ɔhyee Edomhene nnompe,

ma ɛdanee nsõ.

2 Mede ogya bɛto Moab mu,

na ahye Keriot aban.

Moab bɛhwe ase hooyɛ,

ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

3 Mɛsɛe ne sodifoɔ

na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

4 Deɛ Awurade seɛ nie:

"Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Wɔapo Awurade mmara no

na wɔanni nʼahyɛdeɛ so

ɛfiri atorɔ anyame no

ama wɔafom ɛkwan no,

anyame a wɔn nananom dii akyire no.

5 Mede ogya bɛto Yuda mu

na ahye Yerusalem aban."

Israel Atemmuo

6 Deɛ Awurade seɛ nie:

"Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,

ɛno enti, merennane mʼabufuo.

Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ,

ne ahiafoɔ de gye mpaboa.

7 Wɔtiatia ahiafoɔ so

te deɛ wɔyɛ fam mfuturo

na wɔma atɛntenenee mmɔborɔwafoɔ.

Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da

de gu me din kronkron no ho fi.

8 Wɔdeda afɔrebukyia biara ho

wɔn awowa ntoma so.

wɔn anyame efie no mu no

wɔnom nsã a wɔagye mmaratodeɛ.

9 "Mesɛee Amorifoɔ no wɔn anim,

ɛwom wɔware te ntweneduro.

Wɔn ho nso den odum.

Mesɛee nʼaba ne soro,

ne ne nhini nʼase.

10 Meyii wo firii Misraim,

na medii wʼanim mfirinhyia aduanan ɛserɛ so

sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.

11 Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ,

ne mo mmeranteɛ binom Nasarefoɔ.

Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?"

Deɛ Awurade bisa nie.

12 "Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã

na mohyɛɛ adiyifoɔ no wɔnnhyɛ nkɔm.

13 "Na afei, mɛdwerɛ mo

sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.

14 Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane.

Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden,

na akofoɔ rennya ne ho ntete.

15 Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina.

Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane,

na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.

16 Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ

de adagya bɛdwane saa da no,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também