Pular para o conteúdo
Publicidade

Amos 6

1 Nnome nka mo a mogye mo ho die Sion,

ne mo a mo asom adwo mo Samaria bepɔ so,

mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu,

a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!

2 Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ .

Na momfiri nkɔ Hamat kɛseɛ mu,

monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.

Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no?

Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?

3 Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda

na motwe Atemmuo da bɛn.

4 Modeda asonse mpa so

mogye mo ahome mo nnaeɛ mu,

na mowe nnwammaa ne

anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.

5 Mode mo sankuten to ahuhudwom,

na mobɔ mo tirim nnwom

mo nnwontodeɛ so te Dawid.

6 Monom nsã nkorama mu

na mode sradehwam papa mo ho,

na monni awerɛhoɔ Yosef sɛeɛ ho.

7 Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho;

na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.

Awurade Kyiri Israel Ahomasoɔ

8 Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam

na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:

"Mekyiri Yakob ahomasoɔ

na memmpɛ nʼaban;

mede kuropɔn no bɛma

ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa."

9 wogya nnipa edu efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. 10 Na obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba ɔrebɛfa wɔn afiri efie na ɔbisa obi a wakɔtɛ , "Obi ka wo ho anaa?" Na ɔbuaa , "Dabi" a, afei ɔbɛka , "Mua wʼano!" Ɛnsɛ wɔbɔ Awurade din.

11 Na Awurade ahyɛ mmara

na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini

ne afie nketewa no nso mu nketenkete.

12 Apɔnkɔ tu mmirika abotan a apaapae so anaa?

Na obi de nantwie funtum anaa?

Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro.

Na tenenee nso ayɛ nwononwono.

13 Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho,

na mobisa , "Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?"

14 Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: "Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ,

deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também