Publicidade

1 João 4

Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne

1 Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri , atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete ewiase. 2 Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu obi Onyankopɔn Honhom no ne , ɔbɛpae mu aka , nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu. 3 Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no Kristo ɔtamfoɔ. Motee saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada.

4 Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri , Honhom a ɛwɔ mo mu no tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu. 5 Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri , wɔyɛ ewiasefoɔ. 6 Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu.

Onyankopɔn Ɔdɔ

7 Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri , ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso. 8 Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri , Onyankopɔn ɔdɔ. 9 Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne adi kyerɛ yɛn ne , ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10 Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. 11 Anuanom adɔfoɔ, saa na Onyankopɔn yɛn a, na ɛkyerɛ , ɛsɛ yɛdodɔ yɛn ho. 12 Obiara nhunuu Onyankopɔn da. yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne no awie pɛyɛ yɛn mu.

13 Yei na ɛma yɛhunu pefee yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14 Na yɛahunu na yɛaka akyerɛ afoforɔ Agya no somaa ne Ba maa ɔbɛyɛɛ ewiase Agyenkwa. 15 Obiara a ɔpae mu ka Yesu Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. 16 Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn a ɔde yɛn no di.

Onyankopɔn ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. 17 Ɛsɛ ɔdɔ yɛn mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoɔduru Atemmuo da no. Na yɛbɛnya saa akokoɔduru no nso, ɛfiri , yɛn abrabɔ ewiase ha no te Kristo deɛ . 18 Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ ɔdɔ mu.

19 Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri , Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane. 20 obi ka , "Medɔ Onyankopɔn" na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no. 21 Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ ɔdɔ ne nua nso.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-